Native Bible

Ezekiel 21:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma akofena no ntwitwa mprenu mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akumakunkum akofena, akumakunkum kɛseɛ no akofena, a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa.

Ezekiel 21:14 in English

Ezekiel 21:14 · Berean Standard Bible

‘So then, son of man, prophesy and strike your hands together. Let the sword strike two times, even three. It is a sword that slays, a sword of great slaughter closing in on every side!

Context

12Su na twa adwo, onipa ba, ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ; ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama akofena no aka me nkurɔfoɔ ho. Enti fa wo nsa gu wo tiri so. 13“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ 14“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma akofena no ntwitwa mprenu mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akumakunkum akofena, akumakunkum kɛseɛ no akofena, a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa. 15Ɛbɛma akoma nyinaa aboto na atɔfoɔ adɔɔso, mede akunkumakunkum akofena no asisi wɔn apono nyinaa ano. Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam wɔaso mu ama akumkumakumkum. 16Ao akofena, twa kɔ nifa, na twa kɔ benkum, deɛ wo dadeɛ bɛfa biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.