Hesekiel 21:16
Ezekiel 21:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao akofena, twa kɔ nifa, na twa kɔ benkum, deɛ wo dadeɛ bɛfa biara.
Ezekiel 21:16 in English
Ezekiel 21:16 · Berean Standard Bible
Slash to the right; set your blade to the left— wherever your blade is directed.
Context
14“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm
na bɔ wo nsam.
Ma akofena no ntwitwa mprenu
mpo mprɛnsa.
Ɛyɛ akumakunkum akofena,
akumakunkum kɛseɛ no akofena,
a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa. 15Ɛbɛma akoma nyinaa aboto
na atɔfoɔ adɔɔso,
mede akunkumakunkum akofena no asisi
wɔn apono nyinaa ano.
Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam
wɔaso mu ama akumkumakumkum. 16Ao akofena, twa kɔ nifa,
na twa kɔ benkum,
deɛ wo dadeɛ bɛfa biara. 17Me nso, mɛbɔ me nsam,
na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo
Me Awurade na makasa no.” 18Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.