Hesekiel 21:17
Ezekiel 21:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me nso, mɛbɔ me nsam, na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo Me Awurade na makasa no.”
Ezekiel 21:17 in English
Ezekiel 21:17 · Berean Standard Bible
I too will strike My hands together, and I will satisfy My wrath.’ I, the LORD, have spoken.”
Context
15Ɛbɛma akoma nyinaa aboto
na atɔfoɔ adɔɔso,
mede akunkumakunkum akofena no asisi
wɔn apono nyinaa ano.
Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam
wɔaso mu ama akumkumakumkum. 16Ao akofena, twa kɔ nifa,
na twa kɔ benkum,
deɛ wo dadeɛ bɛfa biara. 17Me nso, mɛbɔ me nsam,
na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo
Me Awurade na makasa no.” 18Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 19“Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.