Hesekiel 21:13
Ezekiel 21:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’
Ezekiel 21:13 in English
Ezekiel 21:13 · Berean Standard Bible
Surely testing will come! And what if even the scepter, which the sword despises, does not continue?’ declares the Lord GOD.
Context
11“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho,
sɛ wɔmfa nsa nkura mu;
wɔase ano, atwi ho,
ayɛ no krado ama okumfoɔ no. 12Su na twa adwo, onipa ba,
ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ;
ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa.
Wɔagyaa wɔn ama akofena no
aka me nkurɔfoɔ ho.
Enti fa wo nsa gu wo tiri so. 13“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ 14“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm
na bɔ wo nsam.
Ma akofena no ntwitwa mprenu
mpo mprɛnsa.
Ɛyɛ akumakunkum akofena,
akumakunkum kɛseɛ no akofena,
a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa. 15Ɛbɛma akoma nyinaa aboto
na atɔfoɔ adɔɔso,
mede akunkumakunkum akofena no asisi
wɔn apono nyinaa ano.
Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam
wɔaso mu ama akumkumakumkum.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.