Hesekiel 21:11
Ezekiel 21:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔase ano, atwi ho, ayɛ no krado ama okumfoɔ no.
Ezekiel 21:11 in English
Ezekiel 21:11 · Berean Standard Bible
The sword is appointed to be polished, to be grasped in the hand. It is sharpened and polished, to be placed in the hand of the slayer.
Context
9“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:
“ ‘Akofena bi, akofena bi,
wɔase ano, atwi ho, 10wɔase ano ama akumkumakumkum no,
wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!
“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee. 11“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho,
sɛ wɔmfa nsa nkura mu;
wɔase ano, atwi ho,
ayɛ no krado ama okumfoɔ no. 12Su na twa adwo, onipa ba,
ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ;
ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa.
Wɔagyaa wɔn ama akofena no
aka me nkurɔfoɔ ho.
Enti fa wo nsa gu wo tiri so. 13“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.