Native Bible

Ezekiel 21:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “ ‘Akofena bi, akofena bi, wɔase ano, atwi ho,

Ezekiel 21:9 in English

Ezekiel 21:9 · Berean Standard Bible

“Son of man, prophesy and tell them that this is what the Lord says: ‘A sword, a sword, sharpened and polished—

Context

7Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na woresi apinie a?’ Wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no enti. Akoma biara bɛboto na nsa biara mu agogo, honhom biara bɛtɔ baha na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɛkwan biara soɔ ɛbɛba, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” 8Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 9“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “ ‘Akofena bi, akofena bi, wɔase ano, atwi ho, 10wɔase ano ama akumkumakumkum no, wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! “ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee. 11“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔase ano, atwi ho, ayɛ no krado ama okumfoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.