Native Bible

Ezekiel 21:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔase ano ama akumkumakumkum no, wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! “ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee.

Ezekiel 21:10 in English

Ezekiel 21:10 · Berean Standard Bible

it is sharpened for the slaughter, polished to flash like lightning! Should we rejoice in the scepter of My son? The sword despises every such stick.

Context

8Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 9“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “ ‘Akofena bi, akofena bi, wɔase ano, atwi ho, 10wɔase ano ama akumkumakumkum no, wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! “ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee. 11“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔase ano, atwi ho, ayɛ no krado ama okumfoɔ no. 12Su na twa adwo, onipa ba, ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ; ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama akofena no aka me nkurɔfoɔ ho. Enti fa wo nsa gu wo tiri so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.