Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Amos 5
1Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho: 2“Ɔbabunu Israel ahwe ase a ɔrensɔre bio, wɔapo no ɔno ara asase so, na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.” 3Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no, emu ɔha pɛ na ɛbɛka; Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no, emu edu pɛ na ɛbɛka.” 4Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie: “Monhwehwɛ me na monnya nkwa; 5Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.” 6Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya; ɛbɛhye, na Bet-El rennya obi nnum no. 7Mo a moma atemmuo yɛ nwono na mototo tenenee ase. 8Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma, deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ na ɔma awia dane adesaeɛ. Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so, ne din ne Awurade. 9Ɔsɛe abandenden ntɛm so na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso, 10motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa. 11Motiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn. Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ, nanso morentena mu; ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ nanso morennom emu nsã. 12Na menim mo mmarato dodoɔ ne mo bɔne akɛseɛ no. Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ. 13Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne. 14Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa na ɛnyɛ bɔne. Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho, sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no. 15Monkyiri bɔne, na monnɔ papa; Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ. Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn bɛnya ahummɔborɔ ama Yosef nkaeɛfoɔ. 16Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so. Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu na agyamfoɔ abɛtwa adwo. 17Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 18Nnome nka wɔn a wɔpɛ sɛ Awurade da no ba! Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba? Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann. 19Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim na ɔkohyia sisire, sɛ deɛ owura ne fie de ne nsa to ɔfasuo so, na ɔwɔ ka no. 20Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu. 21“Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ; mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho. 22Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ, nanso merennye. Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me nanso mʼani rensɔ. 23Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so! Merentie mo asankuten so nnwom. 24Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten, na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da! 25“Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa? 26Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. 27Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,” sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.