Amos 5:24
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten, na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!
Amos 5:24 in English
Amos 5:24 · Berean Standard Bible
But let justice roll on like a river, and righteousness like an ever-flowing stream.
Context
22Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,
nanso merennye.
Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me
nanso mʼani rensɔ. 23Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!
Merentie mo asankuten so nnwom. 24Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,
na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da! 25“Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me
mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa? 26Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,
ne mo honi Rɛfan so;
wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.