Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.

Amos 5:10 in English

Amos 5:10 · Berean Standard Bible

There are those who hate the one who reproves in the gate and despise him who speaks with integrity.

Context

8Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma, deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ na ɔma awia dane adesaeɛ. Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so, ne din ne Awurade. 9Ɔsɛe abandenden ntɛm so na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso, 10motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa. 11Motiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn. Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ, nanso morentena mu; ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ nanso morennom emu nsã. 12Na menim mo mmarato dodoɔ ne mo bɔne akɛseɛ no. Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.