Amos 5:20
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.
Amos 5:20 in English
Amos 5:20 · Berean Standard Bible
Will not the Day of the LORD be darkness and not light, even gloom with no brightness in it?
Context
18Nnome nka wɔn a
wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!
Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?
Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann. 19Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim
na ɔkohyia sisire,
sɛ deɛ owura ne fie
de ne nsa to ɔfasuo so,
na ɔwɔ ka no. 20Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann,
ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu. 21“Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;
mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho. 22Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,
nanso merennye.
Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me
nanso mʼani rensɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.