Amos 5:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.
Amos 5:13 in English
Amos 5:13 · Berean Standard Bible
Therefore, the prudent keep silent in such times, for the days are evil.
Context
11Motiatia ohiani so
na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn.
Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ,
nanso morentena mu;
ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ
nanso morennom emu nsã. 12Na menim mo mmarato dodoɔ
ne mo bɔne akɛseɛ no.
Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ
mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ. 13Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu,
ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne. 14Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa
na ɛnyɛ bɔne.
Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho,
sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no. 15Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;
Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.
Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn
bɛnya ahummɔborɔ ama
Yosef nkaeɛfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.