Amos 5:17
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Amos 5:17 in English
Amos 5:17 · Berean Standard Bible
There will be wailing in all the vineyards, for I will pass through your midst,” says the LORD.
Context
15Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;
Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.
Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn
bɛnya ahummɔborɔ ama
Yosef nkaeɛfoɔ. 16Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:
“Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so
na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so.
Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu
na agyamfoɔ abɛtwa adwo. 17Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu,
ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 18Nnome nka wɔn a
wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!
Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?
Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann. 19Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim
na ɔkohyia sisire,
sɛ deɛ owura ne fie
de ne nsa to ɔfasuo so,
na ɔwɔ ka no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.