Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie: “Monhwehwɛ me na monnya nkwa;
Amos 5:4 in English
Amos 5:4 · Berean Standard Bible
For this is what the LORD says to the house of Israel: “Seek Me and live!
Context
2“Ɔbabunu Israel ahwe ase
a ɔrensɔre bio,
wɔapo no ɔno ara asase so,
na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.” 3Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie:
“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no,
emu ɔha pɛ na ɛbɛka;
Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no,
emu edu pɛ na ɛbɛka.” 4Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:
“Monhwehwɛ me na monnya nkwa; 5Monnhwehwɛ Bet-El,
monnkɔ Gilgal,
na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.
Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu
na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.” 6Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,
anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;
ɛbɛhye,
na Bet-El rennya obi nnum no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.