Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya; ɛbɛhye, na Bet-El rennya obi nnum no.
Amos 5:6 in English
Amos 5:6 · Berean Standard Bible
Seek the LORD and live, or He will sweep like fire through the house of Joseph; it will devour everything, with no one at Bethel to extinguish it.
Context
4Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:
“Monhwehwɛ me na monnya nkwa; 5Monnhwehwɛ Bet-El,
monnkɔ Gilgal,
na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.
Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu
na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.” 6Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,
anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;
ɛbɛhye,
na Bet-El rennya obi nnum no. 7Mo a moma atemmuo yɛ nwono
na mototo tenenee ase. 8Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma,
deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ
na ɔma awia dane adesaeɛ.
Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano
na ɔhwie gu asase so,
ne din ne Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.