Native Bible

Zephaniah 2:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mo Etiopiafoɔ nso, mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”

Zephaniah 2:12 in English

Zephaniah 2:12 · Berean Standard Bible

“You too, O Cushites,* will be slain by My sword.”

Context

10Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie, sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti. 11Awurade ho suro bɛba wɔn so ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so. 12“Mo Etiopiafoɔ nso, mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.” 13Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so. 14Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su bɛgyegye mpomma mu, mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan, mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.