Native Bible

Zephaniah 2:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su bɛgyegye mpomma mu, mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan, mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

Zephaniah 2:14 in English

Zephaniah 2:14 · Berean Standard Bible

Herds will lie down in her midst, creatures of every kind.* Both the desert owl and screech owl * will roost atop her pillars. Their calls will sound from the window, but desolation will lie on the threshold, for He will expose the beams of cedar.

Context

12“Mo Etiopiafoɔ nso, mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.” 13Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so. 14Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su bɛgyegye mpomma mu, mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan, mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ. 15Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie na ɛte asomdwoeɛ mu. Ɔhoahoa ne ho sɛ, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛ deɛ atete apansam, na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ! Obiara a ɔtwam hɔ no sere no, hugya ne nsa fɛdie so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.