Sefania 2:13
Zephaniah 2:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.
Zephaniah 2:13 in English
Zephaniah 2:13 · Berean Standard Bible
And He will stretch out His hand against the north and destroy Assyria; He will make Nineveh a desolation, as dry as a desert.
Context
11Awurade ho suro bɛba wɔn so
ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.
Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,
wɔ wɔn ankasa wɔn asase so. 12“Mo Etiopiafoɔ nso,
mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.” 13Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so
na wasɛe Asiria,
na wama Ninewe ada mpan koraa
na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so. 14Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ,
mmoadoma nyinaa.
Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma
bɛtena nʼadum no so.
Wɔn su bɛgyegye mpomma mu,
mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan,
mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ. 15Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie
na ɛte asomdwoeɛ mu.
Ɔhoahoa ne ho sɛ,
“Me ne no, obiara nte sɛ me.”
Hwɛ sɛ deɛ atete apansam,
na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ!
Obiara a ɔtwam hɔ no sere no,
hugya ne nsa fɛdie so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.