Sefania 2:10
Zephaniah 2:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie, sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.
Zephaniah 2:10 in English
Zephaniah 2:10 · Berean Standard Bible
This they shall have in return for their pride, for taunting and mocking the people of the LORD of Hosts.
Context
8“Mate Moab nsopa ne
Amonfoɔ atweetweɛ;
wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ
na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho. 9Enti, sɛ mete ase yi,”
sɛdeɛ Asafo Awurade,
Israel Onyankopɔn, seɛ nie,
“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,
na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora,
baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ,
asase a ɛda mpan afebɔɔ.
Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;
me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.” 10Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,
sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti. 11Awurade ho suro bɛba wɔn so
ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.
Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,
wɔ wɔn ankasa wɔn asase so. 12“Mo Etiopiafoɔ nso,
mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.