Native Bible

Zephaniah 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, sɛ mete ase yi,” sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora, baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ, asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa; me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”

Zephaniah 2:9 in English

Zephaniah 2:9 · Berean Standard Bible

Therefore, as surely as I live,” declares the LORD of Hosts, the God of Israel, “surely Moab will be like Sodom and the Ammonites like Gomorrah— a place of weeds and salt pits, a perpetual wasteland. The remnant of My people will plunder them; the remainder of My nation will dispossess them.”

Context

7Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea; ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea. Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ Askelon afie mu. Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn. 8“Mate Moab nsopa ne Amonfoɔ atweetweɛ; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho. 9Enti, sɛ mete ase yi,” sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora, baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ, asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa; me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.” 10Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie, sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti. 11Awurade ho suro bɛba wɔn so ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.