Sefania 2:8
Zephaniah 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mate Moab nsopa ne Amonfoɔ atweetweɛ; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.
Zephaniah 2:8 in English
Zephaniah 2:8 · Berean Standard Bible
“I have heard the reproach of Moab and the insults of the Ammonites, who have taunted My people and threatened their borders.
Context
6Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ
bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ
ne wɔn nnwammuo. 7Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea;
ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea.
Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ
Askelon afie mu.
Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn,
na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn. 8“Mate Moab nsopa ne
Amonfoɔ atweetweɛ;
wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ
na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho. 9Enti, sɛ mete ase yi,”
sɛdeɛ Asafo Awurade,
Israel Onyankopɔn, seɛ nie,
“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,
na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora,
baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ,
asase a ɛda mpan afebɔɔ.
Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;
me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.” 10Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,
sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.