Native Bible

Zephaniah 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwammuo.

Zephaniah 2:6 in English

Zephaniah 2:6 · Berean Standard Bible

So the seacoast will become a land of pastures, with wells * for shepherds and folds for sheep.

Context

4Wɔbɛgya Gasa na wɔagya Askelon sɛ kurofo. Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam na wɔatutu Ekron ase. 5Monnue mo a mote mpoano, Ao, mo Keretifoɔ; Awurade asɛm tia mo. Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka. 6Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwammuo. 7Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea; ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea. Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ Askelon afie mu. Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn. 8“Mate Moab nsopa ne Amonfoɔ atweetweɛ; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.