Sefania 2:4
Zephaniah 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛgya Gasa na wɔagya Askelon sɛ kurofo. Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam na wɔatutu Ekron ase.
Zephaniah 2:4 in English
Zephaniah 2:4 · Berean Standard Bible
For Gaza will be abandoned, and Ashkelon left in ruins. Ashdod will be driven out at noon, and Ekron will be uprooted.
Context
2ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru,
na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ,
ansa na Awurade abufuhyeɛ no
aba mo so,
ansa na Awurade abufuo ɛda no
aba mo so. 3Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so,
mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ.
Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ;
ebia ɔbɛkora mo
Awurade abufuo ɛda no. 4Wɔbɛgya Gasa
na wɔagya Askelon sɛ kurofo.
Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam
na wɔatutu Ekron ase. 5Monnue mo a mote mpoano,
Ao, mo Keretifoɔ;
Awurade asɛm tia mo.
Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase.
Mɛtɔre mo ase,
na obiara renka. 6Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ
bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ
ne wɔn nnwammuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.