Native Bible

Zephaniah 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ. Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ; ebia ɔbɛkora mo Awurade abufuo ɛda no.

Zephaniah 2:3 in English

Zephaniah 2:3 · Berean Standard Bible

Seek the LORD, all you humble of the earth who carry out His justice. Seek righteousness; seek humility. Perhaps you will be sheltered on the day of the LORD’s anger.

Context

1Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, Ao, animguaseɛ ɔman, 2ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru, na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuhyeɛ no aba mo so, ansa na Awurade abufuo ɛda no aba mo so. 3Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ. Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ; ebia ɔbɛkora mo Awurade abufuo ɛda no. 4Wɔbɛgya Gasa na wɔagya Askelon sɛ kurofo. Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam na wɔatutu Ekron ase. 5Monnue mo a mote mpoano, Ao, mo Keretifoɔ; Awurade asɛm tia mo. Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.