Native Bible

Zechariah 9:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ananafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu.

Zechariah 9:6 in English

Zechariah 9:6 · Berean Standard Bible

A mixed race will occupy Ashdod, and I will cut off the pride of the Philistines.

Context

4Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ. 5Askelon bɛhunu na wasuro Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu, na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa. Gasa bɛhwere ne ɔhene na wɔbɛgya Askelon afituo.* 6Ananafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu. 7Mɛyi mogya* afiri wɔn ano, akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano. Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ. 8Nanso mɛbɔ me Fie ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho. Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio, ɛfiri sɛ afei merewɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.