Sakaria 9:4
Zechariah 9:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ.
Zechariah 9:4 in English
Zechariah 9:4 · Berean Standard Bible
Behold, the Lord will impoverish her and cast her wealth into the sea,* and she will be consumed by fire.
Context
2Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ;
ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ. 3Tiro asi abandenden ama ne ho;
waboa dwetɛ ano te sɛ mfuturo,
ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so. 4Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa
na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so,
na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ. 5Askelon bɛhunu na wasuro
Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu,
na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa.
Gasa bɛhwere ne ɔhene
na wɔbɛgya Askelon afituo.* 6Ananafoɔ bɛtena Asdod,
na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.