Native Bible

Zechariah 9:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ; ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ.

Zechariah 9:2 in English

Zechariah 9:2 · Berean Standard Bible

and also against Hamath, which borders it, as well as Tyre and Sidon, though they are very shrewd.

Context

1Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko ɛfiri sɛ, nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa ani wɔ Awurade so. 2Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ; ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ. 3Tiro asi abandenden ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfuturo, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so. 4Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.