Sakaria 9:7
Zechariah 9:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛyi mogya* afiri wɔn ano, akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano. Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ.
Zechariah 9:7 in English
Zechariah 9:7 · Berean Standard Bible
I will remove the blood from their mouths and the abominations from between their teeth. Then they too will become a remnant for our God; they will become like a clan * in Judah, and Ekron will be like the Jebusites.
Context
5Askelon bɛhunu na wasuro
Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu,
na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa.
Gasa bɛhwere ne ɔhene
na wɔbɛgya Askelon afituo.* 6Ananafoɔ bɛtena Asdod,
na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu. 7Mɛyi mogya* afiri wɔn ano,
akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano.
Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea
wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ,
na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ. 8Nanso mɛbɔ me Fie ho ban
wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho.
Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio,
ɛfiri sɛ afei merewɛn. 9Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion!
Team, Ɔbabaa Yerusalem!
Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn.
Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ,
ɔdwo, na ɔte afunumu so,
afunumu ba so na ɔteɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.