Romafoɔ 11:8
Romans 11:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ, ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ aso a ɛmma wɔnnte asɛm, de bɛsi ɛnnɛ.”
Romans 11:8 in English
Romans 11:8 · Berean Standard Bible
as it is written: “God gave them a spirit of stupor, eyes that could not see, and ears that could not hear, to this very day.”*
Context
6Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo. 7Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma 8sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,
ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ
aso a ɛmma wɔnnte asɛm,
de bɛsi ɛnnɛ.” 9Na Dawid ka sɛ,
“Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie
na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso! 10Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ;
na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.