Romafoɔ 11:7
Romans 11:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma
Romans 11:7 in English
Romans 11:7 · Berean Standard Bible
What then? What Israel was seeking, it failed to obtain, but the elect did. The others were hardened,
Context
5Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. 6Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo. 7Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma 8sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,
ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ
aso a ɛmma wɔnnte asɛm,
de bɛsi ɛnnɛ.” 9Na Dawid ka sɛ,
“Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie
na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.