Romafoɔ 11:9
Romans 11:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Dawid ka sɛ, “Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!
Romans 11:9 in English
Romans 11:9 · Berean Standard Bible
And David says: “May their table become a snare and a trap, a stumbling block and a retribution to them.
Context
7Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma 8sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,
ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ
aso a ɛmma wɔnnte asɛm,
de bɛsi ɛnnɛ.” 9Na Dawid ka sɛ,
“Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie
na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso! 10Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ;
na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.” 11Afei, mebisa sɛ, ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.