Native Bible

Romans 11:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ; na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.”

Romans 11:10 in English

Romans 11:10 · Berean Standard Bible

May their eyes be darkened so they cannot see, and their backs be bent forever.”*

Context

8sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ, ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ aso a ɛmma wɔnnte asɛm, de bɛsi ɛnnɛ.” 9Na Dawid ka sɛ, “Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso! 10Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ; na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.” 11Afei, mebisa sɛ, ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu. 12Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ ewiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufoɔ. Na ɛba sɛ Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.