Romafoɔ 11:6
Romans 11:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo.
Romans 11:6 in English
Romans 11:6 · Berean Standard Bible
And if it is by grace, then it is no longer by works. Otherwise, grace would no longer be grace.*
Context
4Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa sɛ, “Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal.” 5Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. 6Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo. 7Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma 8sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,
ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ
aso a ɛmma wɔnnte asɛm,
de bɛsi ɛnnɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.