Native Bible

Obadiah 1:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako.

Obadiah 1:11 in English

Obadiah 1:11 · Berean Standard Bible

On the day you stood aloof while strangers carried off his wealth and foreigners entered his gate and cast lots for Jerusalem, you were just like one of them.

Context

9Ao Teman* wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase. 10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa. 11Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako. 12Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no. 13Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu wɔ wɔn amanehunu ɛda, anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.