Obadia 1:9
Obadiah 1:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Teman* wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.
Obadiah 1:9 in English
Obadiah 1:9 · Berean Standard Bible
Then your mighty men, O Teman, will be terrified, so that everyone in the mountains of Esau will be cut down in the slaughter.
Context
7Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa
bɛdi wo hwammɔ.
Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ
wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no
bɛdaadaa wo adi wo so,
wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie,
nanso, wonhunuiɛ. 8“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,
“Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa,
mmarima a wɔte asɛm ase
a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa? 9Ao Teman* wʼakofoɔ bɛbɔ hu
ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no,
wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase. 10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti
aniwuo bɛka wo,
na wɔbɛsɛe wo koraa. 11Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,
na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ
na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu,
na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,
na wote sɛ wɔn mu baako.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.