Native Bible

Obadiah 1:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.

Obadiah 1:10 in English

Obadiah 1:10 · Berean Standard Bible

Because of the violence against your brother Jacob, you will be covered with shame and cut off forever.

Context

8“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa? 9Ao Teman* wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase. 10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa. 11Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako. 12Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.