Native Bible

Obadiah 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.

Obadiah 1:12 in English

Obadiah 1:12 · Berean Standard Bible

But you should not gloat in that day, your brother’s day of misfortune, nor rejoice over the people of Judah in the day of their destruction, nor boast proudly * in the day of their distress.

Context

10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa. 11Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako. 12Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no. 13Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu wɔ wɔn amanehunu ɛda, anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu. 14Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ kunkumm nʼadwanefoɔ Na woyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.