Obadia 1:13
Obadiah 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu wɔ wɔn amanehunu ɛda, anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.
Obadiah 1:13 in English
Obadiah 1:13 · Berean Standard Bible
You should not enter the gate of My people in the day of their disaster, nor gloat over their affliction in the day of their disaster, nor loot their wealth in the day of their disaster.
Context
11Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,
na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ
na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu,
na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,
na wote sɛ wɔn mu baako. 12Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa
ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu,
anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so
ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu,
na mpo wohoahoa wo ho
ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no. 13Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ
hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu
wɔ wɔn amanehunu ɛda,
anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a
wɔwɔ ɔhaw mu.
Afei nso anka ɛnsɛ sɛ
wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye
wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu. 14Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ
kunkumm nʼadwanefoɔ
Na woyi wɔn a aka no ma
wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu. 15“Awurade ɛda no abɛn
ama amanaman nyinaa.
Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no
saa ara na wɔbɛyɛ woɔ.
Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.