Native Bible

Numbers 23:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me.

Numbers 23:18 in English

Numbers 23:18 · Berean Standard Bible

Then Balaam lifted up an oracle, saying: “Arise, O Balak, and listen; give ear to me, O son of Zippor.

Context

16Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no. 17Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?” 18Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me. 19Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Wakasa a wanyɛ anaa? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa? 20Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira; wahyira, na merentumi nnane no!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.