4 Mose 23:20
Numbers 23:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira; wahyira, na merentumi nnane no!
Numbers 23:20 in English
Numbers 23:20 · Berean Standard Bible
I have indeed received a command to bless; He has blessed, and I cannot change it.
Context
18Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:
“Balak, sɔre na tie;
Sipor babarima tie me. 19Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;
Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.
Wakasa a wanyɛ anaa?
Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa? 20Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira;
wahyira, na merentumi nnane no! 21“Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so.
Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel!
Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho.
Ɔne wɔn ɔhene! 22Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim;
ɔte sɛ nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.