4 Mose 23:19
Numbers 23:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Wakasa a wanyɛ anaa? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?
Numbers 23:19 in English
Numbers 23:19 · Berean Standard Bible
God is not a man, that He should lie, or a son of man, that He should change His mind. Does He speak and not act? Does He promise and not fulfill?
Context
17Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?” 18Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:
“Balak, sɔre na tie;
Sipor babarima tie me. 19Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;
Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.
Wakasa a wanyɛ anaa?
Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa? 20Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira;
wahyira, na merentumi nnane no! 21“Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so.
Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel!
Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho.
Ɔne wɔn ɔhene!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.