4 Mose 23:17
Numbers 23:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?”
Numbers 23:17 in English
Numbers 23:17 · Berean Standard Bible
So he returned to Balak, who was standing there by his burnt offering with the princes of Moab. “What did the LORD say?” Balak asked.
Context
15Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.” 16Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no. 17Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?” 18Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:
“Balak, sɔre na tie;
Sipor babarima tie me. 19Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;
Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.
Wakasa a wanyɛ anaa?
Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.