4 Mose 23:16
Numbers 23:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no.
Numbers 23:16 in English
Numbers 23:16 · Berean Standard Bible
And the LORD met with Balaam and put a message in his mouth, saying, “Return to Balak and speak what I tell you.”
Context
14Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ. 15Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.” 16Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no. 17Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?” 18Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:
“Balak, sɔre na tie;
Sipor babarima tie me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.