4 Mose 23:15
Numbers 23:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.”
Numbers 23:15 in English
Numbers 23:15 · Berean Standard Bible
Balaam said to Balak, “Stay here beside your burnt offering while I meet the LORD over there.”
Context
13Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.” 14Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ. 15Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.” 16Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no. 17Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.