Native Bible

Numbers 23:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ.

Numbers 23:14 in English

Numbers 23:14 · Berean Standard Bible

So Balak took him to the field of Zophim, to the top of Pisgah, where he built seven altars and offered a bull and a ram on each altar.

Context

12Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a Awurade nkaa sɛ menka anaa?” 13Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.” 14Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ. 15Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.” 16Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.