Nahum 2:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! Na ahonyadeɛ no dɔɔso.
Nahum 2:9 in English
Nahum 2:9 · Berean Standard Bible
“Plunder the silver! Plunder the gold!” There is no end to the treasure, an abundance of every precious thing.
Context
7Wɔhyɛ mmaraden sɛ
wɔmfa kuropɔn no nnommum
na wɔmfa wɔn nkɔ.
Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so
su te sɛ mmorɔnoma. 8Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a
emu nsuo resene korɔ.
Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!”
Nanso, obiara ansane nʼakyi. 9Momfom dwetɛ no!
Momfom sikakɔkɔɔ no!
Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa!
Na ahonyadeɛ no dɔɔso. 10Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa!
Akoma boto, na nkotodwe woso woso,
nnipa ho popo na wɔn anim to hoa. 11Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ,
baabi a wɔma wɔn mma aduane no,
baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ
na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.