Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma.

Nahum 2:7 in English

Nahum 2:7 · Berean Standard Bible

It is decreed that the city be exiled and carried away; her maidservants moan like doves, and beat upon their breasts.

Context

5Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho; na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado. 6Wɔbuebue asubɔnten apono no, na ahemfie no dwiri gu fam. 7Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma. 8Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a emu nsuo resene korɔ. Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!” Nanso, obiara ansane nʼakyi. 9Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! Na ahonyadeɛ no dɔɔso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.