Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho; na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.

Nahum 2:5 in English

Nahum 2:5 · Berean Standard Bible

He summons his nobles; they stumble as they advance. They race to its wall; the protective shield is set in place.

Context

3Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim. 4Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so, na wɔdi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam. 5Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho; na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado. 6Wɔbuebue asubɔnten apono no, na ahemfie no dwiri gu fam. 7Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.