Nahum 2:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.
Nahum 2:3 in English
Nahum 2:3 · Berean Standard Bible
The shields of his mighty men are red; the valiant warriors are dressed in scarlet. The fittings of the chariots flash like fire on the day they are prepared, and the spears of cypress have been brandished.*
Context
1Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe
bɔ aban no ho ban,
wɛn ɛkwan no,
bɔ wo ho so
na boa wʼahoɔden nyinaa ano! 2Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama no
te sɛ Israel deɛ no,
ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpan
na wɔasɛe ne bobe mfuo. 3Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ;
akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ.
Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no
twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no;
mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim. 4Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so,
na wɔdi akɔneaba.
Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ;
wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam. 5Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu
nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu.
Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho;
na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.