Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, baabi a wɔma wɔn mma aduane no, baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?

Nahum 2:11 in English

Nahum 2:11 · Berean Standard Bible

Where is the lions’ lair or the feeding ground of the young lions, where the lion and lioness prowled with their cubs, with nothing to frighten them away?

Context

9Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! Na ahonyadeɛ no dɔɔso. 10Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa! Akoma boto, na nkotodwe woso woso, nnipa ho popo na wɔn anim to hoa. 11Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, baabi a wɔma wɔn mma aduane no, baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro? 12Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no. Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama. 13“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie na akofena bɛkunkum wʼagyata mma. Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so. Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.